Nnwom Mu Dwom
1
Salomo nnwom mu dwom.
Ababaa:
Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano,
efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.
Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;
wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie.
Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu.
Nnamfonom:
Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho.
Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.
Ababaa:
Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
 
Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ,
Yerusalem mmabea,
mobiri te sɛ Kedar ntamadan,
te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!
Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti,
efisɛ owia na ayɛ me saa.
Me na mmabarima bu fuw me,
enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so;
na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.
Kyerɛ me, me dɔfo,
faako a wode wo nguankuw kɔ adidi
na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim
wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?
Nnamfonom:
Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa,
fa ɔkwan a nguan fa so so
na fa wo mpapomma kɔ adidi
wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.
Aberante:
Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere
a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.
10 Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ,
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
Ababaa:
12 Bere a ɔhene te ne didipon ho no,
nʼaduhuam hua no gyee hɔ.
13 Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow* Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam. toa
a ɛda me nufu ntam.
14 Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm
wɔ En-Gedi En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ. bobeturo mu.
Aberante:
15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ ni!
Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.
Ababaa:
16 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ ni!
Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.
Aberante:
17 Yɛn fi mpuran yɛ sida;
yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.

*1:13 Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam.

1:14 En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ.