Odiyifo
Sakaria
Nhoma
1
Awurade Nkyɛn Ba Ho Frɛ
Ɔsram a ɛto so awotwe wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn se:
Awurade bo fuw mo tete agyanom. Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo Awurade se ni. Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifo a wodii kan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Monnan mfi mo akwammɔne ne nneyɛe bɔne ho,’ nanso wɔantie na wɔanyɛ aso amma no. Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana? Na me nsɛm a menam mʼasomfo adiyifo so kae no, amma mo tete agyanom no so ana?
“Afei wonuu wɔn ho na wɔkae se, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn nea ɛfata yɛn akwan ne nneyɛe, sɛnea ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ”
Onipa A Ɔwɔ Ohuamnnua No Mu
Na da a ɛto so aduonu anan wɔ ɔsram a ɛto so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.
Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi.
Mibisae se, “Eyinom ase ne dɛn, me wura?” Ɔbɔfo a ɔne me rekasa no buae se, “Mɛkyerɛ wo dekode a wɔyɛ.”
10 Enti ɔbarima a ogyina ohuamnnua ntam no kyerɛɛ ase se, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ wiase afanan nyinaa no.”
11 Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.”
12 Afei Awurade bɔfo no kae se, “Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wubeyi wʼahummɔbɔ afi Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo afuw wɔn mfirihyia aduɔson ni no so?” 13 Enti Awurade kaa akomatɔyamsɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔne me kasae no.
14 Afei ɔbɔfo a ɔne me rekasa no kae se, “Pae mu ka saa asɛm yi: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yiye, 15 nanso me bo afuw aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfuw wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’
16 “Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.
17 “Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ”
Mmɛn Anan Ne Adwumfo Baanan
18 Afei, memaa mʼani so, na mihuu mmɛn anan! 19 Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Eyinom yɛ dɛn?”
Obuaa me se, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.”
20 Na Awurade kyerɛɛ me adwumfo anan. 21 Mibisae se, “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?”
Obuae se, “Mmɛn anan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne ti so, nanso adwumfo yi aba sɛ wɔrebehunahuna wɔn, na watutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no petee no.”