5
Sɛnea Nhyehyɛe No Bɛyɛ
Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛde so. Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn, efisɛ Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Yɛnam yɛn gyidi so di wiase so nkonim. Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.
Yesu Kristo Ho Adansedi
Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom, nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ Honhom no ne nokware no. Nnansefo baasa na wɔwɔ hɔ. Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa nnansefo yi adwene hyia. Yegye adanse a nnipa di no di; nanso adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho. 10 Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanse yi adi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni. 11 Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.
Nkwa A Enni Awiei
13 Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei. 14 Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn. 15 Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.
16 Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka sɛ mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn. 17 Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu.
18 Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. 19 Yenim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na wiasefo de wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. 20 Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahu nokware Nyankopɔn no. Ɔno ne nokware no, Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no. Ɔno ne Nyankopɔn nokwafo a ɔma daa nkwa no.
 
 
21 Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.