Yohane
Nhoma A Ɛto So Abien
1
Me, Asɔre Panyin,
 
Mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokware no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ mo, efisɛ nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa:
 
Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.
 
 
Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no. Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase. Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
Nnaadaafo a wonnye nto mu no se Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete wiase. Saa nnaadaafo yi yɛ atorofo ne Kristo atamfo. Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no. Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no. 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso. 11 Efisɛ obiara a ogye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
 
Asɛnka A Etwa To
12 Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.
 
13 Wo nuabea a Onyankopɔn apaw no no mma kyia wo.