10
Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ
Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛe ne sɛnea ɔhene pagyaw no no nyinaa no, wɔankyerɛw wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu ana? Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.