Hiob Nhoma
1
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us* Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apuei fam. Na Hiob nyɛ Israelni. asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa, na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu.
Na ne mmabarima no to pon nnidiso nnidiso wɔ wɔn afi mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nuabeanom baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano.
Hiob Sɔhwɛ A Edi Kan
Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho bae. Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?”
Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”
Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.”
Satan buaa Awurade se, “Hiob suro Onyankopɔn kwa ana? 10 Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so. 11 Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.”
12  Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa de, mfa wo nsateaa nka no.”
Na Satan fii Awurade anim kɔe.
13 Da bi a Hiob mmabarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi no, 14 ɔbɔfo bi baa Hiob hɔ bɛkae se, “Anantwi no refuntum na mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabiafo Na Sabiafo yɛ atubrafo a na wɔte Arabia anafo fam. bɛtow hyɛɛ yɛn so, sesaw wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum apaafo no, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo saa amanneɛ yi.”
16 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
17 Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo Na Kaldeafo yɛ atubrafo a wɔte sare a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman. de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
18 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Na wo mmabarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi, 19 na prɛko pɛ, ahum bi bɔ fii sare no so bedwiraa ofi no ntwea anan no. Ofi no dwiriw guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
20 Eyi maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade 21 kae se,
“Adagyaw na mede fi me na yam bae,
na adagyaw na mede bɛsan akɔ.
Awurade de mae, na Awurade afa;
nhyira nka Awurade din!”
22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo.

*1:1 Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apuei fam. Na Hiob nyɛ Israelni.

1:15 Na Sabiafo yɛ atubrafo a na wɔte Arabia anafo fam.

1:17 Na Kaldeafo yɛ atubrafo a wɔte sare a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman.