2
Awurade Bepɔw No
Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
 
Nna a edi akyi no mu no,
Awurade asɔredan bepɔw no betim
sɛ mmepɔw no nyinaa ti;
ebegye din aboro nkoko nyinaa so
na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Aman bebree bɛba abɛka se,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,
nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.
Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan
sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”
Mmara no befi Sion aba,
na Awurade asɛm afi Yerusalem.
Obebu amanaman ntam atɛn
na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.
Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw
na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.
Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
 
Mommra. Yakob fifo,
momma yɛnnantew Awurade hann mu.
Awurade Da No
Awurade, woagyaw wo nkurɔfo,
Yakob fifo.
Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma;
wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo
na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔn ademude dɔɔso bebree.
Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;
na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,
nea wɔn nsateaa ayɛ.
Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase
na wama adesamma abotow,
mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
 
10 Kɔhyɛn abotan no mu,
fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu
ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;
Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
 
12 Asafo Awurade ahyɛ da bi
ama ahomasofo nyinaa
ne nea ɛma ne ho so nyinaa
(wɔbɛbrɛ wɔn ase),
13 Lebanon* Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apuei fam a, ɛnam sida ne anantwi a na ɛwɔ hɔ no nti, agye din. sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn,
ne Basan odum nnua no,
14 mmepɔw atenten nyinaa
ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,
15 ne abantenten a ɛkorɔn
ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,
16 aguadi hyɛn biara
ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;
Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
18 na ahoni no bɛyera korakora.
 
19 Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu
ne ntokuru a ɛdeda asase mu
esiane Awurade ho hu
ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,
bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
20 Saa da no, nnipa bɛtow
wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni
a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no
agu ama akisi ne mpan.
21 Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu
ne abotan mpaapae mu
esiane Awurade ho hu
ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,
bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
 
22 Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa,
a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so.
Wɔyɛ dɛn koraa?

*2:13 Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apuei fam a, ɛnam sida ne anantwi a na ɛwɔ hɔ no nti, agye din.