Odiyifo
Yesaia
Nhoma
1
Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.
 
Atuatewman
Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso!
Na Awurade akasa:
“Matetew mma ama wɔanyinyin,
nanso wɔatew me so atua.
Nantwi nim ne wura,
afurum nso nim ne wura mmoa adididaka,
nanso Israel nnim,
me nkurɔfo nte ase.”
 
Nnome nka, amumɔyɛ man,
ɔman a wɔn afɔdi so,
nnebɔneyɛfo kuw,
mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma!
Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho;
wɔapo Israel Kronkronni no,
wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
 
Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?
Adɛn nti na moda so tew atua?
Wɔapira mo ti,
na mo koma nso di yaw.
Efi mo nan ase kosi mo ti so,
ahomeka biara nni mu,
apirakuru ne ahonhon nko ara
akuru a anim deda hɔ
na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree
anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.
 
Mo man ada mpan,
wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn;
ananafo regye mo mfuw
a mo ani tua,
na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.
Wɔagyaw Ɔbabea Sion
te sɛ bobeturo mu sese
te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu,
te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.
Sɛ Asafo Awurade
annyaw yɛn asefo a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom,
na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.
 
10 Muntie Awurade asɛm,
mo Sodom sodifo;
muntie yɛn Nyankopɔn mmara,
mo Gomorafo!
11 “Mo afɔrebɔ ahorow bebree no,
dɛn na ɛyɛ ma me?”
Sɛnea Awurade se ni.
“Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so,
nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade;
mʼani nnye
anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.
12 Sɛ moba mʼanim a
hena na obisa eyi fi mo hɔ,
sɛ mutiatia me fi yi?
13 Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no!
Mo aduhuam yɛ me tan.
Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow,
mo nhyiamu hunu no afono me.
14 Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ,
me kra kyi.
Ayɛ adesoa ama me;
masoa abrɛ.
15 Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a,
meyi mʼani ato nkyɛn.
Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a
merentie.
 
“Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
 
16 “Munnwira mo ho na mo ho ntew.
Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so!
Munnyae bɔneyɛ,
17 Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee.
Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran
Munni mma ayisaa,
monka akunafo nsɛm mma wɔn.
 
18 “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,”
sɛnea Awurade se ni.
“Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a,
ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a
ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.
19 Sɛ mopene so na moyɛ osetie a,
mubedi asase no so nnepa.
20 Na sɛ moampene na motew atua a,
afoa bedi mo nam.”
Awurade na wakasa.
 
21 Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no
adan oguamanfo.
Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma
na anka trenee te ne mu,
nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!
22 Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso,
wɔde nsu afra wo nsa papa mu.
23 Wo sodifo yɛ atuatewfo,
akorɔmfo yɔnkonom;
wɔn nyinaa pɛ adanmude,
na wɔpere akyɛde ho.
Wonni mma ayisaa;
na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.
 
24 Enti, Awurade, Asafo Awurade,
nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se,
“Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ
na matɔ wɔn so were.
25 Mɛma me nsa so, atia mo;
mɛhohoro mo ho fi korakora
na mayi mo ho nkekae nyinaa.
26 Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no,
ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no.
Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo
Kuropɔn Trenee,
Kuropɔn Nokwafo.”
 
27 Wɔde atɛntrenee begye Sion bio,
na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.
28 Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu,
na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
 
29 “Mo ani bewu, esiane odum anyame a
munyaa wɔn mu anigye no;
wobegu mo anim ase, esiane nturo
a mosom abosom wɔ mu no nti.
30 Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo,
ne turo a ennya nsu.
31 Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm
nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw;
abien no bɛhyew abɔ mu,
a obiara rentumi nnum.”