8
Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima
a wunum me na nufu ano,
na mihuu wo wɔ abɔnten so a,
anka mefew wʼano,
a obiara rentumi mmu me animtiaa.
Anka medi wʼanim
na mede wo aba me na fi,
ɔno a wakyerɛkyerɛ me.
Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,
me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.
Ne nsa benkum da mʼatiko
na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ,
morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu
kosi bere a ɛsɛ mu.
Nnamfonom:
Hena na ofi sare so reba a
otweri ne dɔfo koko mu yi?
Ababaa:
Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase;
ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,
ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.
Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,
sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,
efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,
ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.
Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,
sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.
Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.
Nnamfonom:
Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,
ne nufu mmobɔɔ ɛ.
Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi
wɔ da a wobebisa no ase?
Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,
yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.
Sɛ ɔyɛ ɔpon a,
yɛde sida besiw ne pon ano kwan.
Ababaa:
10 Meyɛ ɔfasu,
na me nufu te sɛ abantenten.
Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a
ɔde nea ɛsɔ ani reba.
11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;
ɔde ne bobeturo no maa apaafo.
Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no
nnwetɛbona apem.
12 Nanso me bobeturo yi yɛ me de.
Me de, meremfa mma;
Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,
na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
Aberante:
13 Wo a wote turo no mu
ne nnamfonom a wɔka wo ho,
ma mente wo nne.
Ababaa:
14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,
na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba
anaasɛ ɔforote ba a
ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.