5
Ɔfasu Ho Nkyerɛw
Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa. Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa. Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa. Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no.
Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no, na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.
Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no. Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn.
10 Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa! 11 Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia. 12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.”
13 Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no? 14 Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma. 15 Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi. 16 Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
17 Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase.
18 “Nana, Ɔsorosoro Nyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, anuonyam ne nidi. 19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. 20 Nanso ahomaso maa ne koma ne nʼadwene yɛɛ den no, woyii no fii nʼahengua so, sii no fam, gyee nʼanuonyam no. 21 Wɔpam no fii nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wuram mmoa tenae. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee kosii sɛ, afei ohui sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na odi wiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na oyi obi a ɔpɛ ma odi so.
22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. 23 Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no. 24 Ne saa nti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛkyerɛw nkra yi.
25 “Nkra a, ɛkyerɛwee ni:
Mene, Mene, Tekel, Parsin.
26 “Saa nsɛm yi nkyerɛase ni:
“ ‘Mene’ nkyerɛase ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahenni nna a aka na watwa so de aba nʼawiei.
27 “ ‘Tekel’ nkyerɛase ne: wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.
28 “ ‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.”
29 Afei Belsasar ma wofuraa Daniel ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu.
30 Saa anadwo no ara, wokum Babiloniahene Belsasar. 31 Na Dario a ofi Mede faa ahenni no, na wadi mfirihyia aduosia abien.