6
Daniel Da Gyata Amoa Mu
Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka. Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin.
Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”
Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so! Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu. Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.” Ɛno nti, ɔhene Dario kyerɛw mmara no.
10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no. 11 Mpanyimfo no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fi kohuu no sɛ ɔrebɔ mpae resrɛ Onyankopɔn mmoa. 12 Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?”
Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.”
13 Afei wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda nnommum no mu baako no mmu wo, na onni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa da koro.” 14 Ɔhene no tee saa no, ɛhaw no yiye, na osusuw ho ara kosii anwummere pɛɛ, ɔkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.
15 Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no se, “Nana, nidi mu, wunim sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara mu no, wontumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”
16 Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”
17 Wɔde bo bɛtoo amoa no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔwano ne atitiriw nsɔwano susoo ɔbo no sɛnea obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. 18 Afei ɔhene no san kɔɔ nʼahemfi a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyede biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.
19 Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ gyata amoa no ano. 20 Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?”
21 Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so! 22 Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.” 23 Ɔhene no ani gyee mmoroso, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu, enti wuyii no. Wɔanhu kam biara wɔ ne ho, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. 24 Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase.
25 Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se:
“Ensi mo yiye mmoroso!
26 “Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼaheman mu suro, fɛre na ɔde nidi ma Daniel Nyankopɔn.
“Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefo Nyankopɔn
na ɔwɔ hɔ daa.
“Nʼahenni rensɛe da biara da.
Na ne tumi to rentwa da.
27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso;
ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade,
wɔ ɔsoro ne asase so.
“Ɔno na wagye Daniel
afi gyata no nsam.”
28 Enti Daniel kɔɔ so dii yiye wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmere so.