2
Yenya Nkwa Wɔ Kristo Mu
Mo de, na moawuwu wɔ mo amumɔyɛ ne mo bɔne a na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu. Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so. Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa. Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu sɛnea ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu no, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛso nni no adi; nʼadɔe a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho. 10 Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
Kristo Mu Biakoyɛ
11 Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo, 12 monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase. 13 Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
14 Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no. 15 Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba; 16 ɔnam asennua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abɔ mu ayɛ wɔn nipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. 17 Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. 18 Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
19 Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, 20 na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so. 21 Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. 22 Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.