3
Paulo, Amanamanmufo Ɔsɛmpakafo
Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.
Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no. Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no. Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufo ne Israelfo bɔ mu yɛ adedifo. Wɔbɔ mu yɛ nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo. Ɛwɔ mu sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo, na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no. 10 Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo, 11 sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ hɔ daa no. 12 Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim. 13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.
Wɔbɔ Mpae Ma Efesofo
14 Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim, 15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so. 16 Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. Sɛ moagye ntin na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpae sɛ 18 mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase, 19 na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
20 Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so. 21 Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen.