4
Biakoyɛ Wɔ Kristo Mu
Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu. Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako, Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no. Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn. Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se,
“Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,
ɔfaa nneduafo kaa ne ho;
na ɔmaa nnipa akyɛde.”
Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ. 10 Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma. 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo. 12 Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so 13 kosi sɛ yɛn nyinaa benya gyidi baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyin wɔ Kristo mayɛ mu.
14 Yɛrenyɛ mmofra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ nea ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na bradatofo ne aniferefo daadaa wɔn. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu. 16 Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
Hannmma Asetena
17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ se monntena ase bio sɛ amanamanmufo a wonni adwene pa bi, 18 na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ. 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.
20 Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te. 22 Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. 23 Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, 24 na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no.
25 Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. 26 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so. 27 Mma ɔbonsam kwan. 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo.
29 Mma kasa bɔne mfi wʼanom, na mmom ka kasa pa na aboa afoforo sɛnea ehia wɔn na wɔn a wotie anya so mfaso. 30 Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ. 31 Munyi yawdi, bobɔne ne abufuw, ahohoahoa ne nseku ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. 32 Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.