5
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.
Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron. Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase. Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi. Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara.
Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma. Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, 10 na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama. 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so. 13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se,
“Nyan, wo a woada,
na sɔre fi awufo mu,
na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
15 Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase. 18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
21 Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
Ɔyerenom Ne Okununom
22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua. 24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa. 31 “Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.” 32 Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.