6
Mma Ne Awofo
Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. “Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, “na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.”
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Nkoa Ne Awuranom
Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara. Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa, efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.
Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim.
Nyankopɔn Akode
10 Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano. 12 Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. 13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. 14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. 16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. 17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo. 19 Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20 Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.
 
Nkradi
21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi. 22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.
 
23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ.
 
24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.