11
Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel
“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,
na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.
Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,
saa ara na woguan fii me nkyɛn.
Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,
na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.
Me na migyigyee Efraim taataa,
turuu wɔn wɔ me basa so;
nanso wɔnkae sɛ
me na mesaa wɔn yare.
Me de ayamye hama
ne ɔdɔ dii wɔn anim;
miyii konnua no fii wɔn kɔn mu
na mekotow maa wɔn aduan dii.
 
“Wɔbɛsan akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.
Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu
na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban
na wɔn nhyehyɛe to betwa.
Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.
Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a
meremma wɔn so ɔkwan biara so.
 
“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Me koma asakra wɔ me mu;
na mʼahummɔbɔ ahwanyan.
Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,
na merennan me ho nsɛe Efraim bio.
Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.
Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.
Meremma wɔ abufuw mu.
10 Wobedi Awurade akyi.
Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.
Na sɛ ɔbobɔ mu a,
ne mma de ahopopo befi atɔe aba.
11 Wɔde ahopopo bɛba
te sɛ nnomaa a wofi Misraim,
te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.
Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”
sɛnea Awurade se ni.
Israel Bɔne
12 Efraim de atoro atwa me ho ahyia,
Israelfi nso wɔde nnaadaa.
Yuda abɔ Onyankopɔn so ko
mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.