10
Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw;
ɔsow aba maa ne ho.
Bere a nʼaba redɔɔso no,
osisii afɔremuka bebree;
nʼasase rekɔ so yɛ yiye no
osiesie nʼabosom dum kronkron no.
Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu,
nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe.
Awurade bebubu wɔn afɔremuka,
na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene,
efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade.
Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a,
dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”
Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree,
wɔka ntamhunu
na wɔyɛ apam ahorow;
ɛno nti mansotwe sɔresɔre
te sɛ wura a bɔre wɔ mu
a afifi asase a wɔafuntum so so.
Nnipa a wɔte Samaria no suro ma
Bet-Awen nantwi ba ohoni no.
Ne nkurɔfo besu.
Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ,
wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no.
Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.
Wɔde no bɛkɔ Asiria,
de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam.
Ebegu Efraim anim ase;
na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.
Samaria na ne hene bɛsen akɔ
te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.
Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.
Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ,
na akata wɔn afɔremuka so.
Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!”
na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
 
“Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel,
na hɔ na woaka.
Na ɔko rentwiw amfa
amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?
10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;
aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.
Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.
11 Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no,
a ɔpɛ awiporowbea adwuma,
enti mede konnua
bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu.
Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan,
ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,
na Yakob nso siesie so.
12 Dua trenee aba ma wo ho,
twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,
siesie wʼasase a womfuntumii so no;
na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade,
kosi sɛ ɔbɛba
abɛpete trenee agu wo so.
13 Nanso woadua atirimɔden aba,
na woatwa aba bɔne.
Woadi nnaadaa aba.
Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden
ne wʼakofo bebrebe no so,
14 ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo,
na wʼaban nyinaa bɛsɛe,
sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,
da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.
15 Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El,
efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso.
Sɛ da no du a,
Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.