9
Israel Asotwe
Nni ahurusi, Israel;
nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no.
Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,
wʼani gye aguamammɔ ho
wɔ awiporowbea nyinaa so.
Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan;
nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.
Wɔrentena Awurade asase no so bio;
Efraim bɛsan akɔ Misraim
na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.
Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade,
na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.
Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn;
wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.
Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea
na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no
ne Awurade afahyɛnna no nso?
Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a
Misraim bɛboaboa wɔn ano,
na Memfis besie wɔn.
Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,
na wɔn ntamadan adan nsɔe.
Asotwe nna no reba,
akontaabu nna no adu;
ma Israel nhu eyi.
Esiane mo bɔne bebrebe
ne mo akokoakoko a adɔɔso nti
mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea,
na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.
Odiyifo no ne me Nyankopɔn
yɛ Efraim so wɛmfo,
nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so,
na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.
Wɔadu porɔwee bun mu,
sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu.
Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
 
10 “Bere a mihuu Israel no,
na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so;
bere a mihuu mo agyanom no,
na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so.
Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no
wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.
Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.
11 Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa,
nyinsɛn ne awo nni ne mu.
12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a,
mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.
Wonnue,
sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!
13 Mahu Efraim te sɛ Tiro,
a ɛda baabi a eye.
Nanso Efraim de ne mma
bɛbrɛ okumfo no.”
 
14 Fa ma wɔn, Awurade,
dɛn na wode bɛma wɔn?
Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn
ne nufu a nufusu nni mu.
 
15 “Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti,
mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.
Wɔn nnebɔne nti
mɛpam wɔn afi me fi.
Merennɔ wɔn bio;
efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.
16 Efraim agyigya,
wɔn ntin akisa,
nti wɔnsow aba.
Sɛ wɔwo mma mpo a,
mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
 
17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,
efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no;
Wobekyinkyin aman no mu.