8
Israel Betwa Mfɛtɛ Aba
“Monhyɛn torobɛnto!
Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so
efisɛ nnipa no abu mʼapam so
na wɔasɔre atia me mmara.
Afei Israel su frɛ me se,
‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’
Nanso Israel apo nea eye;
ɔtamfo bɛtaa no.
Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,
wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.
Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho
de sɛe wɔn ankasa ho.
Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!
Mʼabufuwhyew reba wɔn so.
Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
Wofi Israel!
Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;
ɛnyɛ Onyankopɔn!
Wobebubu mu asinasin,
saa Samaria nantwi ba no.
 
“Wodua mframa
na wotwa mfɛtɛ.
Awi a egyina hɔ no nni ti;
nti wɔrennya siam mfi mu.
Sɛ ɛsow aduan mpo a,
ahɔho na wobedi.
Wɔamene Israel;
afei ɔfra aman no mu
te sɛ ade a so nni mfaso biara.*
Na wɔakɔ Asiria
te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam.
Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.
10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,
nanso mɛboaboa wɔn ano.
Wɔn so befi ase atew
wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
 
11 “Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,
ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,
nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.
13 Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre
na wɔwe nam no,
nanso wɔnsɔ Awurade ani.
Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm
na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:
Wɔbɛsan akɔ Misraim.
14 Israel werɛ afi ne yɛfo
na wasisi ahemfi akɛseakɛse;
Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.
Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya
a ɛbɛhyew wɔn aban.”
* 8:8 Wɔfaa Israel sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo (2 Mose 19.5; Amos 3.2). Nanso esiane sɛ ɔde ne ho akɔma aman foforo bi nti, nʼanuonyam pa ma ɔbɛyɛɛ animguaseman maa Onyankopɔn.