3
Onyankopɔn Mma
Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn. Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no.
Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ bɔne yɛ mmara sobu. Munim sɛ Kristo bae se ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ ɔno de, bɔne nni ne mu. Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhuu no, na onnim no.
Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no yɛ ɔtreneeni sɛnea Kristo yɛ ɔtreneeni no. Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne. 10 Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.
Monnodɔ Mo Ho Mo Ho
11 Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. 12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum nʼankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ nneɛma a ɔyɛe no yɛ bɔne, nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa. 13 Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa. 14 Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ yɛdɔ yɛn nuanom. 15 Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifo na munim nso sɛ owudifo nni nkwa a enni awiei wɔ ne mu.
16 Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17 Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu? 18 Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.
19 Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi wɔ Onyankopɔn anim. 20 Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ mpo a, yenim sɛ Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim biribiara. 21 Enti anuanom adɔfo, sɛ yɛn koma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoduru wɔ Onyankopɔn anim. 22 Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso. 23 Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no. 24 Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa esiane Honhom a wama yɛn no nti.