4
Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne
Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase. Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu. Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.
Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu. Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo. Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu.
Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ
Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso. Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11 Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
13 Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14 Na yɛahu, na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa. 15 Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16 Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu. 17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru wɔ atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de ara pɛ. 18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
19 Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan. 20 Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no. 21 Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.