2
Kɔkɔbɔ
Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim. Sɛ muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi. Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.
Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.
Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho fɔ na mmara no di tia mo sɛ mmaratofo. 10 Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11 Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.
12 Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. 13 Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so.
14 Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana? 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi, 16 na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu.
18 Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.”
Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.” 19 Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ osuro mu.
20 Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana? 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no. 22 Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. 23 Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.* 24 Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so.
25 Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so. 26 Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu.
* 2:23 Saa asɛm yi (2 Be 20.7) kyerɛ Abraham ne Onyankopɔn adamfofa ne gye a ogyee no sɛ ɔtreneeni no. (Yoh 15.13-15)