3
Tɛkrɛma
Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfo, efisɛ munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de, sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a mu yɛ den sen afoforo. Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so.
Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no. Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse. Tɛkrɛma nso yɛ ogya, onipa akwaa mu nnebɔne wiase. Ɛsɛe nipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so gya na nʼankasa nso ɔsɛe sɔ ne so gya.
Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea, po mu mmoa nyinaa, nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔyɛ hagyahagya a awuduru ahyɛ no ma.
Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so no.* 10 Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11 Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
Nyansa A Efi Ɔsoro
13 Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi. 14 Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛno de ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na mofa so ka nkontompo tia nokware. 15 Saa nyansa yi mfi ɔsoro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. 16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.
17 Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18 Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu.
* 3:9 Sɛ wɔabɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, (1 Mose 1.2-27) sɛ wodome onipa biara a, woafom Onyankopɔn (1 Mose 9.6)