4
Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn
Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn. Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.
Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a,* na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo. Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana? Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se,
“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,
na ɔdom ahobrɛasefo.”
Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow. 10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
Atemmu Ho Kɔkɔbɔ
11 Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so. 12 Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?
Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ
13 Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me. 14 Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera. 15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” 16 Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
* 4:4 Wɔn a wonni honhom mu nokware, wɔn a wɔdɔ wiase kyɛn Onyankopɔn no (2 Mose 34.15) na wobehu.