10
Paulo Yi Ne Ho Ano
Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw, na sɛ minni mo nkyɛn nso a mewɔ akokoduru ma mo no, me na mitu saa fo yi. Mesrɛ wɔ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ: Sɛ meba hɔ a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ metumi anya akokoduru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho. Ɛyɛ nokware sɛ yɛte wiase, nanso yennyina wiase tumi so wɔ yɛn ko mu. Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo pampim a wɔabobɔ no. Yɛsɛe akyinnyehunu. Yɛsɛe akwanside biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔyɛ osetie ma Kristo. Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi san yɛ asoɔden wɔ ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.
Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de ana? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ, efisɛ yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no. Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho. Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a makyerɛw mo no rehunahuna mo. 10 Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” 11 Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw no bere a yenni mo nkyɛn no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a yɛyɛ no mu.
12 Ɛyɛ nokware, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde toto wɔn ho wɔn ho so no bu wɔn ho atɛn. 13 Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra so bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yenni a mo mu adwumayɛ ka ho bi no so. 14 Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. 15 Eyi nti yɛmmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ no nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛe. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na anam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra baabi a Onyankopɔn ahyɛ no. 16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman afoforo so a yɛremfa adwuma a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho. 17 Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.” 18 Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.