9
Mmoa A Wɔde Ma Onyankopɔn Nkurɔfo
Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho. Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no. Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa. Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ. Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma.
Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree. Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi. Kyerɛwsɛm no ka se
“Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia;
nʼadɔe no tena hɔ daa.”
10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo sɛ aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree. 11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.
12 Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase. 13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14 Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. 15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.