8
Ayamye
Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asafo ahorow no mu. Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe. Midi ho adanse sɛ wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fii wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi. Wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei wofi Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. Moyɛ adefo wɔ nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ kann ana. Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo.
10 Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho ni: Afe a etwaa mu no, mo na mudii kan fii mo pɛ mu yɛɛ ayɛ. 11 Monkɔ so na munnwie dwuma no di. Mommma mo ho mpere mo sɛ mubewie sɛnea mususuwii sɛ mobɛyɛ no. 12 Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.
13 Merennye nkurɔfo nnesoa mmegu mo so na mmom, esiane sɛ mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wonni bi no. 14 Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa yɛ pɛ. 15 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya ammoro so, na nea ɔboaboaa kakraa bi ano no nyaa nea ɛbɛso no.”
16 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama anigye a mewɔ wɔ mo ho no bi awura Tito koma mu. 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisade so nko, na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa nti na osii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no. 18 Yɛresoma onua bi a wobu no wɔ asafo ahorow no nyinaa mu wɔ asɛnka adwuma no ho aka ne ho. 19 Ɛno akyi no, asafo ahorow no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa. 20 Yɛhwɛ yɛn ho so yiye sɛ asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho. 21 Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim.
22 Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow bebree so na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren ne ho pere no sɛ ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso. 23 Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me yɛ adwuma de boa mo, na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam. 24 Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokware.