7
Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu ɔhonam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase wɔ Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronkron.
Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yetwaa obiara dwow nso. Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho. Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw ɛ. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no.
Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so. Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den. Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko, na mmom ka a ɔbɛkaa se mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no; enti mprempren, ama mʼani agye sen kan no.
Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi. Nanso mprempren de, mʼani agye; ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo. 10 Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba. 11 Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho. 12 Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. 13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no.
Ɛnyɛ nkuran a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa nʼani gyee no so maa yɛn nso yɛn ani gyei. 14 Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me nhuammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. 15 Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛhyɛ ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den. 16 Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so.