3
Biribiara Wɔ Ne Bere
Biribiara wɔ ne bere,
na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.
 
Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere,
ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,
okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere,
obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere,
agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere,
awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere,
abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere,
atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,
adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere,
adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere,
ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere,
kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,
ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere,
ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.
Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu? 10 Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. 11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase. 12 Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase. 13 Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde. 14 Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.
15 Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn,
na nea ɛbɛba no nso aba dedaw;
na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.
16 Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ:
Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ,
atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.
17 Medwenee wɔ me koma mu se,
“Onyankopɔn bebu
atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn,
efisɛ adwuma biara benya ne bere,
nneyɛe biara ne ne bere.”
18 Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19 Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu. 21 Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”
22 Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?