4
Nhyɛso, Adwumaden, Ankonam
Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:
Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusu
na wonni ɔwerɛkyekyefo biara;
tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsam
na wonni ɔwerɛkyekyefo biara.
Na mekae se: Awufo a
wɔawuwu dedaw no,
ani gye sen ateasefo;
wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.
Na nea oye sen baanu yi
ne nea onnya mmae,
nea onnya nhuu bɔne a
wɔyɛ wɔ owia yi ase.
Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.
Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne ho
na ɔsɛe ne ho.
Nsammua baako a asomdwoe wɔ mu
ye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho;
ɛte sɛ nea wotaa mframa.
Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;
onni ɔbabarima anaa onuabarima.
Nʼadwumaden amma nʼawie da,
nanso nʼani ansɔ nʼahonya.
Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no,
na adɛn nti na mede anigye kame me kra?”
Eyi nso yɛ ahuhude,
ɛyɛ ɔhaw kwa.
 
Baanu ye sen ɔbaakofo,
efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:
10 Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko betumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.
11 Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?
12 Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ
nanso baanu tumi pere wɔn ti.
Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.
Nkɔso Yɛ Adehunu
13 Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. 14 Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu. 15 Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no. 16 Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.