5
Suro Onyankopɔn
Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.
Mpɛ ntɛm nkasa.
Mpere wo ho wɔ wo koma mu
sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.
Onyankopɔn te ɔsoro
na wo de, wowɔ asase so,
enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
Adaeso fi adwennwen bebree mu ba,
na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu.
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so. Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so. Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
Ahonya Yɛ Ahuhude
Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.
10 Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da;
na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya.
Eyi nso yɛ ahuhude.
 
11 Adetɔnnne bu so a,
saa ara na atɔfo no nso dɔɔso.
Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya
sen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
 
12 Ɔpaani da ma nʼani kum,
sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee,
nanso ɔdefo ahonya dodow nti
ontumi nna.
13 Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase:
wɔde ahode sie de haw ne wuranom,
14 anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere
sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a
wɔremmɛto hwee mfa.
15 Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae,
na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ.
Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a
obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.
16 Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse:
Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ,
na mfaso bɛn na onya
wɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?
17 Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ,
efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so.
18 Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa. 19 Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. 20 Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.