6
Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye: Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.
Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no. Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so. Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya, mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?
Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,
nanso nʼakɔnnɔde mmee no da.
Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea?
Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a
mfaso bɛn na obenya?
Nea aniwa hu no
ye sen nea akɔnnɔ kyin hwehwɛ.
Eyi nso yɛ ahuhude,
ɛte sɛ wotaa mframa.
 
10 Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw,
na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw;
onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden
sen no nnye eyi ho akyinnye.
11 Nsɛm dɔɔso a,
mu ntease sua,
na so wɔ mfaso ma onipa ana?
12 Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?