11
Yisai Ase Dubaa
Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho;
efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.
Awurade Honhom bɛtena ne so,
nyansa ne ntease Honhom,
afotu ne tumi Honhom,
nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,
Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu.
Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn,
anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;
na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn,
ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo.
Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase;
ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo.
Trenee bɛyɛ nʼabɔso
na nokwaredi ayɛ nʼabɔso.
 
Pataku ne oguamma bɛtena,
ɔsebɔ ne abirekyi bɛda,
nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;
na abofra ketewa bi adi wɔn anim.
Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi,
wɔn mma bɛdeda faako,
na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.
Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano,
na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu.
Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe ade
wɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so,
na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma
sɛnea nsu ayɛ po ma no.
10 Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam. 11 Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw.
12 Ɔbɛma frankaa so ama aman no
na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano;
Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano
afi asase ntwea anan no so.
13 Efraim anibere betu ayera,
na wɔbɛsɛe Yuda atamfo.
Efraim ani remmere Yuda bio,
na Yuda nso rentan Efraim ani.
14 Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam;
na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam.
Wɔbɛfa Edom ne Moab,
na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase.
15  Awurade bɛma nsu
a ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora;
ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyew
abɔ afa Asubɔnten Eufrate so.
Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa ason
sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa.
16 Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkae
a wɔaka Asiria,
sɛnea bi daa hɔ maa Israel
bere a wofi Misraim bae no.