12
Ayeyi Nnwom
Saa da no, wobɛka se:
“Mɛkamfo wo, Awurade!
Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,
nanso afei wʼabufuw ano adwo.
Na woakyekye me werɛ.
Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;
mede me ho bɛto no so, na merensuro.
Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;
na wabɛyɛ me nkwagye.”
Wode anigye bɛsaw nsu
afi nkwagye mmura mu.
Saa da no wobɛka se,
“Da Awurade ase, bɔ ne din
ma amanaman nhu nea wayɛ,
na pae mu ka se wɔama ne din so.
To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree.
Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.
Momma mo nne so nto dwom anigye so
mo a mowɔ Sion,
efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”