17
Nkɔmhyɛ A Etia Damasko
Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho:
“Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio
ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.
Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo
na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ,
a obiara renyi wɔn hu.
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,
adehyetumi nso befi Damasko;
Aram nkae bɛyɛ
Israelfo anuonyam,”
Sɛnea Asafo Awurade se ni.
 
“Da no Yakob anuonyam bɛpa;
na ne mu srade bɛsa.
Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so
na ɔde ne nsa penpan,
sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa
wɔ Refaim Bon mu.
Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,
sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no,
ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so,
ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,”
sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
 
Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so
na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a
ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,
na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka
a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.
Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.
10 Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa,
na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no.
Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa
na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,
11 ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii
anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren,
nanso otwa no renyɛ hwee sɛ
ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.
 
12 Nnome nka aman dodow a wohuru so no,
wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye!
Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so,
wɔworo so sɛ asu akɛse!
13 Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so,
sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri,
te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so
te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.
14 Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu
ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw!
wɔn a wɔfow yɛn nneɛma,
ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.