18
Nkɔmhyɛ A Etia Kus
Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so
wɔ Kus nsubɔnten ho,
ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so
wɔde paparɔso akorow fa nsu ani.
 
Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,
monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.
 
Mo wiasefo nyinaa,
mo a motete asase so,
sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,
mubehu
sɛ wɔhyɛn torobɛnto a,
mobɛte.
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,
“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.
Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,
te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”
Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no
na nhwiren no anyin adan bobe no,
wɔde asosɔw betwitwa mman no,
wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.
Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa
a wokum mmoa we ne wuram mmoa;
nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.
Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.
Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade
ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,
wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.