19
Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim
Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho:
Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu
na ɔreba Misraim.
Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,
na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.
 
“Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako,
onua bɛko atia onua,
ɔyɔnko atia ɔyɔnko,
kuropɔn atia kuropɔn,
ahenni atia ahenni.
Misraimfo no rennya abodwo,
na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa.
Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom,
samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.
Mede Misraim bɛhyɛ
owura tirimuɔdenfo tumi ase,
na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,”
sɛnea Asafo Awurade se ni.
 
Nsubɔnten mu nsu bɛyow,
na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.
Nsuka beyi hua;
na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow.
Demmire ne sare bekisakisa,
Nil nsunoa nnua nso,
nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no.
Nil nsunoa so mfuw nyinaa
bɛwo wosee na awu koraa.
Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo,
wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;
wɔn a wogu asau wɔ nsu no so
bedi awerɛhow.
Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu,
wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.
10 Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ
na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.
 
11 Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo;
Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne.
Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se,
“Meyɛ anyansafo no mu baako,
tete ahemfo no kyidifo?”
 
12 Wʼanyansafo no wɔ he afei?
Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu
nea Asafo Awurade
ahyehyɛ atia Misraim.
13 Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo,
wɔadaadaa Memfis* akwankyerɛfo
ne nnipa no ntuano
ama Misraim afom kwan.
14  Awurade ahwie
anisobiri honhom agu wɔn mu;
wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,
te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.
15 Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ,
sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.
16 Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.
18 Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.
19 Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade. 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn. 21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so. 22  Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.
23 Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom. 24 Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so. 25 Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”
* 19:13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn.