21
Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia
Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:
Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,
ɔtamfo bi fi nweatam so reba,
ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
 
Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:
Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.
Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!
Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
 
Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,
ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;
nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,
nea mihu no ama me ho adwiriw me.
Me koma bɔ kitirikitiri,
ehu ma me ho popo;
na hann a mepɛɛ sɛ mihu no
abɛyɛ aninyanne ama me.
 
Wɔto pon,
wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,
wodidi, na wɔnom!
Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,
momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:
“Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ
na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.
Sɛ ohu nteaseɛnam
ne apɔnkɔ akuwakuw,
wɔn a wɔtete mfurum so
ne wɔn a wɔtete yoma so a,
ɔnwɛn nʼaso,
nwɛn no pa ara.”
Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,
“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so
Anadwo biara, migyina hɔ.
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi
ɔne apɔnkɔ dɔm.
Na ɔwɛmfo no kae se,
‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!
Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa
abubu agu fam!’ ”
 
10 Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase
meka nea mate kyerɛ mo
nea efi Asafo Awurade,
nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.
Nkɔmhyɛ A Etia Edom
11 Adehu a ɛfa Duma ho:
Obi frɛ me fi Seir,
“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?
Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”
12 Ɔwɛmfo no bua se,
“Ade rekye, nanso ade bɛsa.
Sɛ wubebisa bio a
san bra bebisa.”
Nkɔmhyɛ A Etia Arabia
13 Adehu a ɛfa Arabia ho:
Mo Dedan akwantufo a
mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
14 Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;
mo a motete Tema,
mommrɛ aguanfo no aduan.
15 Woguan fi afoa a watwe
tadua a wɔakuntun mu
ne ɔko a egyina mu ano.
16 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. 17 Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.