22
Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho
Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no:
Dɛn na ɛhaw mo mprempren,
a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma,
huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn?
Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa,
na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.
Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan;
wɔamfa tadua ankyekye wɔn.
Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo
mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.
Enti mekae se, “Mumfi me so
na mintwa adwo.
Monnkyekye me werɛ
wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”
 
Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi
ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu
wɔ Anisoadehu Bon no mu,
da a wɔde bubu afasu
na wɔde su kyerɛ mmepɔw.
Elam fa bɛmma no
ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho;
Kir ama kyɛm no so.
Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma,
na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.
 
Wɔayi Yuda ho bammɔ no.
Na da no wode wʼani too
akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;
wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no,
akwan bebree deda ne bammɔ mu
woboaa nsu ano
wɔ Ase Abura mu.
10 Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no
na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.
11 Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam
maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no,
nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe,
na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.
 
12 Awurade, Asafo Awurade,
frɛɛ wo saa da no
sɛ su na twa adwo,
sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.
13 Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ;
wokunkum anantwi ne nguan;
wɔwe nam na wɔbow nsa!
Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom,
efisɛ, ɔkyena yebewu!”
14 Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
15 Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,
“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi,
Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,
16 Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan
sɛ bɔ wo da wɔ ha,
worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn
na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
 
17 “Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den
atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.
18 Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa,
na watow wo akyene ɔman kɛse bi so
hɔ na wubewu
na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,
wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!
19 Megye wʼadwuma afi wo nsa mu
na wɔayi wo afi wo dibea so.
20 “Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. 21 Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi. 22 Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue. 23 Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi. 24 Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.
25 “Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”