23
Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho
Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:
Tarsis ahyɛn, muntwa adwo!
Efisɛ wɔasɛe Tiro
na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea.
Wufi Kipro asase so
abɛka asɛm akyerɛ wɔn.
 
Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so
ne mo Sidon aguadifo a
po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.
Nsu akɛse no so
na aduan fi Sihor nam bae;
Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto,
na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.
 
Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen,
efisɛ po akasa se,
“Menkyemee da, na menwoo da;
mentetew mmabarima anaa mmabea da.”
Sɛ asɛm no du Misraim a,
wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.
 
Muntwa nkɔ Tarsis;
muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.
Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no,
teteete kuropɔn no,
nea wɔatu akɔtena
akyirikyiri nsase so no ana?
Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro,
nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw,
nea nʼaguadifo yɛ ahenemma,
na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?
Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se,
ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase
na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
 
10 Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no
Tarsis Babea,
efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.
11  Awurade ama ne nsa so wɔ po no so
ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo.
Wahyɛ Kanaan ho mmara se,
wɔnsɛe nʼaban.
12 Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara,
Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo!
 
“Sɔre, twa kɔ Kipro;
hɔ mpo worennya ahotɔ.”
13 Monhwɛ Babiloniafo asase no
saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no!
Asiriafo ayɛ no
baabi a nweatam so mmoa te;
wosisii wɔn anotua aban bebree,
wodwiriw nʼaban gui
ma ɛdan nnwiriwii.
 
14 Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn;
wɔasɛe wʼaban!
15 Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:
16 “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,
oguamanfo a wɔnnkae wo;
bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree,
sɛnea wɔbɛkae wo.”
17 Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua. 18 Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.