24
Asase Sɛe A Efi Awurade
Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan
na wasɛe no;
ɔbɛsɛe asase ani
na wabɔ sotefo ahwete,
ɛbɛyɛ saa ara
ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa,
ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo,
ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa,
ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ,
ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea,
ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.
Asase bɛda mpan koraa,
na wɔafom so nneɛma.
Awurade, na waka saa asɛm yi.
 
Asase so yɛ wosee, na ekisa
wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa,
nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.
Asase so nnipa agu ne ho fi;
wɔanni mmara no so,
wɔabu ahyɛde no so
na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
Enti nnome amene asase no
ɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua
ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa,
na kakraa bi pɛ na wɔaka.
Nsa foforo no ho yow na bobe no guan;
wɔn a wogye wɔn ani no si apini.
Akasaebɔ mu anigye no agyae,
ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae.
Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.
Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio;
mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.
10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;
wɔatoto ofi biara apon mu.
11 Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so;
ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ,
anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
12 Kuropɔn no asɛe,
wɔabubu nʼapon mu nketenkete.
13 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so
ne amanaman no mu,
sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no,
anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no.
 
14 Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu;
efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
15 Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam;
momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no,
wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so.
16 Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se,
“Anuonyam nka Ɔtreneeni no.”
 
Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw!
Minnue!
Ɔfatwafo di huammɔ!
Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”
17 Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo,
nnipa a mote asase so.
18 Nea ehu nti oguan no
bɛtɔ amoa mu;
nea ɔforo fi amoa mu no
afiri beyi no.
 
Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro,
na asase nnyinaso wosow.
19 Wɔadwiriw asase no
na emu apaapae,
na asase awosow ankasa.
20 Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo.
Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano;
nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
 
21 Saa da no, Awurade bɛtwe
ɔsoro atumfo
ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.
22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu
sɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu;
wɔbɛto wɔn mu wɔ afiase
na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
23 Ɔsram anim begu ase na owia ani awu;
na Asafo Awurade bedi hene
wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem,
ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu.