26
Ayeyi Dwom
Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:
Yɛwɔ kuropɔn dennen;
Onyankopɔn de nkwagye
ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.
Mummuebue apon no
na atreneefo man no nhyɛn mu,
ɔman nokwafo no.
Wobɛkora no so asomdwoe mu
nea wasi nʼadwene pi,
efisɛ ɔde ne ho to wo so.
Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,
efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.
Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,
na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;
obubu gu fam pasaa
ma ɛda mfutuma mu.
Anammɔn tiatia so,
wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn
ahiafo anammɔntu.
 
Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa;
wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.
Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi,
yɛretwɛn wo;
na wo din ne ne kɛseyɛ
yɛ nea yɛn koma pɛ.
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;
anɔpa nso me honhom ani gyina wo.
Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a,
nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.
10 Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de,
nanso wonsua treneeyɛ;
na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne
na wommu Awurade kɛseyɛ.
11 Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro,
nanso wonhu.
Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu;
ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.
 
12  Awurade, woama yɛn asomdwoe;
nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
13  Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so,
nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.
14 Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;
ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre.
Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn
wɔama yɛn werɛ afi wɔn.
15 Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade;
woama ɔman no ayɛ kɛse;
woahyɛ wo ho anuonyam;
woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.
 
16  Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn;
bere a wotwee wɔn aso no,
na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.
17 Sɛnea ɔpemfo a awo aka no
fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no,
saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.
18 Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu
nanso yɛwoo mframa.
Yɛamfa nkwagye amma asase so;
wɔanwo nnipa amma asase so.
 
19 Nanso wʼawufo benya nkwa;
wɔn nipadua bɛsɔre.
Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no,
nsɔre mfa anigye nteɛ mu.
Mo bosu te sɛ anɔpa bosu;
asase beyi nʼafunu apue.
 
20 Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu
na montoto apon no mu;
momfa mo ho nsie bere tiaa bi
kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.
21 Hwɛ, Awurade refi nʼatenae
abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.
Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi;
ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.