27
Israel Ogye
Saa da no,
Awurade de nʼafoa bɛtwe aso,
ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no,
ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo,
ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho;
obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no.
Saa da no,
“To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se:
Me, Awurade, mehwɛ so;
migugu so nsu bere biara.
Mebɔ ho ban awia ne anadwo
sɛnea obiara rensɛe no.
Me bo mfuw ɛ.
Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me a
anka me ne wɔn de bɛbɔ ani;
na mahyew wɔn nyinaa.
Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw;
ne me mmɛdwene asomdwoe ho
Yiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.”
 
Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim,
Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ
na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.
 
Awurade abɔ Israel
sɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana?
Awurade akum Israel
sɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana?
Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso,
wode mframa a ano yɛ den pam no
te sɛ da a apuei mframa bɔ no.
Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi,
eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu:
bere a ɔyɛ afɔremuka so abo
sɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete,
na Asera nnua
ne nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no.
10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan
wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam
hɔ na nantwimma didi,
hɔ na wɔdeda;
wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.
11 Sɛ nnubaa no wo a, wobubu
na mmea bɛfa de kɔsɔ ogya.
Na saa nnipa yi nni ntease
enti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ,
na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.
12 Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. 13 Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so.