28
Efraim Ne Yuda Akannifo Nnue
Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no
nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,
a ɛda asasebere bon so.
Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.
Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade
ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma
ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.
Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no,
wobetiatia so.
Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,
a ɛda asasebere bon so no,
bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu,
sɛ obi hu na ɔte a
odi no ntɛm so.
 
Saa da no Asafo Awurade
bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw,
nhwiren abotiri fɛfɛ
ama ne nkurɔfo nkae no.
Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom
ama otemmufo a ɔte agua mu.
Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae
ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.
 
Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan
na bobesa ma wohinhim;
bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan
na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;
na wohinhim
wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu,
na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.
Ɔfe agugu apon nyinaa so,
na baabiara ayɛ fi.
 
“Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no?
Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no?
Mmofra a wɔatwa wɔn nufu,
wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?
10 Na ɛyɛ:
Yɛ eyi, anaa eyi
mmara foforo akyi mmara;
ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”
 
11 Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo
na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se,
“Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome;
ahodwobea nso ni,”
nanso wɔantie no.
13 Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ:
Yɛ eyi anaa eyi,
mmara foforo akyi mmara;
ha kakra, hɔ kakra,
sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi;
wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.
 
14 Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo
a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem.
15 Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam,
yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe
sɛ asotwe a ano yɛ den ba a,
ɛrentumi nka yɛn,
efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea
ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.”
16 Enti nea Otumfo Awurade se ni,
“Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion,
ɔbo a wɔasɔ ahwɛ,
tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den;
nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.
17 Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama
na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama
mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no,
na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.
18 Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu;
nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina
sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,
ebetwiw afa mo so.
19 Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ;
anɔpa, awia ne anadwo biara,
ɛbɛfa mu akɔ.”
 
Saa nkra yi ntease
de ehu bɛba.
20 Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so,
kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata.
21  Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no,
ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu,
yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no
dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.
22 Afei gyae wo fɛwdi no,
anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;
Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me
ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
 
23 Muntie na monte me nne;
monwɛn mo aso na muntie nea meka.
24 Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana?
Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?
25 Sɛ osiesie asase no ani a,
onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana?
Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?
26 Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ
na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.
 
27 Wɔmfa asae mpo ɛme ho,
wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so;
wɔde pema na ɛboro ɛme,
na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.
28 Wɔyam aburow de to brodo
nti obi nkɔ so nyam a onnwie da.
Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de,
nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29 Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade,
afotu mu nwonwani,
na ne nyansa boro so.