30
Munnue, Ɔman Asoɔdenfo
“Munnue mmofra asoɔdenfo,”
sɛɛ na Awurade se,
“Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma,
na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu,
na wɔboaboa bɔne ano;
wɔn a wɔkɔ Misraim
a wommisa me ansa;
wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn,
wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.
Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo,
Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.
Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soan
na wɔn ananmusifo adu Hanes de,
nanso wɔn nyinaa anim begu ase
nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti,
wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma,
na mmom animguase ne ahohora.”
Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho:
wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,
nea gyata ne gyatabere,
nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ,
ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum
ne wɔn ademude wɔ yoma afu so,
de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,
de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso,
enti mefrɛ no
Rahab nea Onsi Hwee.
 
Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn,
kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so
sɛnea nna a ɛreba no mu no
ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo,
mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.
10 Wɔka kyerɛ adehufo se,
“Munhu mo ani so ade bio!”
ne adiyifo no nso se,
“Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio!
Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn,
monhyɛ nnaadaa nkɔm.
11 Mumfi saa ɔtempɔn yi so,
momman mfi saa ɔkwan yi ho
na munnyae Israel Kronkronni
a mode no haw yɛn yi!”
12 Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se:
“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,
na mode mo ho ato nhyɛso
ne nnaadaa so nti,
13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ
ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea
na ebu mpofirim, ama mo.
14 Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku.
Ɛbɛyam pasaa a,
sin koraa renka a
wobetumi de asɔ gya afi muka mu
anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”
15 Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se:
“Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔ
kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ,
nanso, morennya mu biara.
16 Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’
Enti mubeguan!
Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’
Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!
17 Apem beguan
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu nti
mo nyinaa beguan akɔ,
akosi sɛ wobegyaw mo
te sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi,
te sɛ frankaa a esi koko so.”
 
18 Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.
Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
19 Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ. 20 Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.” 22 Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”
23 Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so. 24 Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu. 25 Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so. 26 Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.
27 Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba,
ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn;
abufuw ahyɛ nʼanom ma,
na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.
28 Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm,
na ɛforo kɔdeda kɔn mu.
Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so;
ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan
hyehyɛ nnipa no nnyepi.
29 Na mobɛto dwom
te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no;
mo koma bedi ahurusi
te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro
Awurade bepɔw no so,
kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
30  Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne
na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian
na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma
osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.
31  Awurade nne bɛhwe Asiria;
ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.
32 Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,
na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no
ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.
33 Wɔasiesie Topet dedaada;
wɔayɛ no krado ama ɔhene no.
Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree
wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu;
Awurade home
te sɛ sufre asuten no
bɛsɔ mu gya.