31
Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue
Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,
wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,
wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow
ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,
na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,
anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.
Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;
ɔnsesa nʼano.
Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,
ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.
Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.
Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.
Awurade teɛ ne nsa a,
ɔboafo bɛwatiri
na nea wɔboa no no bɛhwe ase;
wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:
“Sɛnea gyata woro so,
sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no
a mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a,
wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu
na wɔn huuyɛ nso nhaw no no,
saa ara na Asafo Awurade besian
abɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.
Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim no
saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;
ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,
obegyaa no na wagye no asi hɔ.”
Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo. Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.
“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano;
afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.
Wobeguan afi afoa no ano
na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.
Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;
wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,”
sɛɛ na Awurade se,
nea ne gya wɔ Sion,
na ne fononoo si Yerusalem no.