32
Trenee Ahenni
Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu
na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.
Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea
ne ahum mu guankɔbea,
ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so
ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.
 
Wɔn a wohu no ani renkata bio,
na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.
Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,
wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.
Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio
na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.
Ɔkwasea ka nkwaseasɛm
na osusuw bɔne ho:
ɔyɛ anyame apɛde
ɔka Awurade ho nsɛm a enye;
ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan
ɔde nsu kame nea osukɔm de no.
Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,
ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe
de atoro sɛe ohiani,
wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.
Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam
na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.
Yerusalem Mmabaa
Mo mmea a mugye mo ho di,
monsɔre na muntie me;
mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ
monyɛ aso mma nea mewɔ ka!
10 Afe akyi nna kakra bi no
mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;
bobe twabere no bedi mo huammɔ,
nnuaba no twabere nso remma.
11 Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di
mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!
Mompa mo ho ntama
na momfa atweaatam mmɔ mo asen.
12 Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ
ne bobe a ɛso no nti,
13 ne me nkurɔfo asase,
asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.
Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu
ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.
14 Wobegyaw aban no hɔ,
na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;
abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,
nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,
15 kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,
na nweatam bɛdan asasebere
na asasebere ayɛ sɛ kwae.
16 Trenee bɛtena nweatam so
na adetreneeyɛ atena asasebere so.
17 Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;
nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.
18 Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ
afi a wɔabɔ ho ban
homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
19 Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no
na kuropɔn no sɛe koraa a,
20 wobehyira wo,
wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,
na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.