33
Ahohia Ne Mmoa
Due, ɔdesɛefo,
wo a wɔnsɛee wo!
Due, ɔfatwafo,
wo a wonnii wo huammɔ!
sɛ wugyae adesɛe a,
wɔbɛsɛe wo;
sɛ wuwie huammɔdi a,
wobedi wo huammɔ.
 
Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ;
yɛn ani da wo so.
Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,
ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.
Aman no te wo nne mmubomu a, woguan;
sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete.
Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ;
nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm.
 
Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;
ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so,
nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae;
Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.
 
Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so;
asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.
Atempɔn no so da hɔ kwa,
akwantufo biara nni akwan no so.
Wɔabu apam no so,
wobu nʼadansefo animtiaa
wommu obiara.
Asase no wo kesee na ɛsɛe,
Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;
Saron ayɛ sɛ Araba,
Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.
 
10 “Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se.
“Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ;
afei na wɔbɛma me so.
11 Munyinsɛn ntɛtɛ,
na mowo sare;
mo home yɛ ogya a ɛhyew mo.
12 Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso;
wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.”
 
13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ;
mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
14 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa;
ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame:
“Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena?
Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”
15 Nea ɔnantew trenee mu
na odi nokware
nea ɔpo mfaso a asisi de ba
na onnye adanmude,
nea ontie awudi ho pɔwbɔ
nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,
16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ,
ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no.
Wɔde nʼaduan bɛma no
na ne nsu remmɔ no.
 
17 Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu
na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no.
18 Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho:
“Odwumayɛni panyin no wɔ he?
Nea na ogyigye tow no wɔ he?
Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”
19 Morenhu saa ahantanfo no bio,
wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ,
na monte nea wɔka no ase no.
 
20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;
mo ani behu Yerusalem,
asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu;
wɔrentutu ne nnyinaso da,
na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.
21 Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo.
Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ.
Akorow a wɔhare remfa so
ahyɛn akɛse rennantew so.
22 Na Awurade ne yɛn temmufo,
Awurade ne yɛn mmarahyɛfo,
Awurade ne yɛn hene;
na ɔno na obegye yɛn nkwa.
 
23 Wo ntampehama mu agow
enti hyɛn dua no nni nnyinaso,
na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu.
Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu
na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.
24 Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;”
na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.