34
Atemmu A Etia Amanaman No
Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie;
monyɛ aso, mo ɔmanfo!
Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie,
wiase ne nea efi mu ba nyinaa!
Awurade bo afuw amanaman nyinaa;
nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa.
Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,
ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu,
wɔn afunu no beyi hua;
wɔn mogya afɔw mmepɔw no.
Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera
na wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee;
ɔsoro atumfo bɛhwe ase
sɛnea nhaban tew fi bobe so,
sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.
 
Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro;
hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so,
wɔn a masɛe wɔn koraa no.
Mogya aguare Awurade afoa ho,
wɔde srade asra ho,
nguantenmma ne mmirekyi mogya,
adwennini asaabo mu srade.
Awurade wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra
ne okum kɛse wɔ Edom.
Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ,
anantwinini nketewa ne akɛse.
Mogya afɔw wɔn asase no,
na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.
 
Na Awurade wɔ aweretɔ da
ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.
Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea,
ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw
nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!
10 Ɛrennum awia anaa anadwo;
ne wusiw befi a ɛto rentwa da.
Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso;
obiara remfa ho bio koraa.
11 Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma
begye hɔ afa;
patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.
Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so
basabasayɛ susuhama
ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.
12 Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni,
nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.
13 Nsɔe begye nʼabankɛse afa,
nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ.
Hɔ bɛyɛ adompo atu,
ne mpatu tenabea.
14 Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra,
mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho;
hɔ na anadwommoa bɛdeda
na wɔde ayɛ wɔn homebea.
15 Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua.
Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;
ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,
obiara ne nea ɔka ne ho.
16 Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan:
Eyinom mu biara renyera,
obiara benya nea ɔka ne ho.
Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi,
na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
17 Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn;
ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.
Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔ
na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ.